*NNEƐMA DU-MMIENU A ƐWƆ SƐ OBIARA YƐ NO AFE 2018 MU*

*Counselor Fenyi* (+233242937017)
Translated by:  *Kwadwo Agyenim Boateng*

*1. Fa biribi si w'ani so*. Nnante nna ahasa aduosia-num (365 days) aberɛ a wonni biribi a esi w'ani so a wopɛsɛ woyɛ. Hyɛ dwumadie bi ase, tɔ kaa, tua sukuu fiisi bi, hyɛ adwuma bi ase. Yɛ biribi kɛkɛ!

*2. Wo nanteɛ*  Ɛne wɔn a wɔn adwene mu dɔ na wɔatimtim wɔ abrabɔ mu sene wo na ɛntu anammɔn.  Wɔ afe 2018, ma nnipa a wɔhyɛ wo nkuran na ɛmmra wo nkyɛn, Wɔn a wɔma wohunu  sɛ wobɛtumi ayɛ biribi keseɛ, ne wɔn a wɔkanyan wo wɔ abrabɔ mu

*3. Hwɛ* wo ntaade hyɛ mu. Mfa biribiara kɛkɛ nkyɛ esiane sɛ wopɛ sɛ wokata w'adagya so nti. Sɛnea nnipa si hu wo no ka nnoɔma bebree fa wo ho. To w'ataadeɛ so kama. Nhyɛ nnoɔma akɛseɛ akɛseɛ esiane nyamesom nti. Hyɛ nnoɔma a ɛda wo ho na mmom nea ɛyɛ kama.
Ɛfene no nie: Nyɛ kyenkyenee nanso ɛyɛ fɛ

*4. Hwɛ* sɛnea wosi kasa. Ansa na wobɛbue w'ano no, dwene nnipa a wo ne no rekasa no, bea a worekasa no, berɛ a worekasa no na bio hunu no sɛ w'animuonyam da apa so. Wɔ biribiara mu, W) biribiara mu no, hwɛ sɛ wobɛka w'ano atom sene sɛ wobɛkasa gye berɛ a ɛho hia sɛ wokasa.

*5* Taa kɔsra w'awofoɔ. Hunu no sɛ w'akɔkora ne w'aberewa a wɔwɔ akurase nhia wo sika, wɔhia sɛ obi bɛba wɔn nkyɛn. Wɔhia sɛ wɔhunu wo na ama wɔatumi de wɔn nsa asi wɔn bo aka sɛ wɔatumi asam wɔn anim mfifire ahwɛ wowɔ suapɔn, ntoasoɔ sukuu mu ne adwuma sua anaa nsaano dwuma mu.

*6. Wɔ afe 2018*, yɛ mpaebɔfoɔ. Onua, ɛnyɛ w'adwene sɛ biribiara a ɛbɛsi wɔ abrabɔ mu no si kwa. Kae hunu sɛ Nyame bi wɔ hɔ a  wɔ ne pɛ mu no na biribiara sie, ne saa nti, etwa sɛ wobɔ mpaeɛ kyerɛ saa Nyame yi.

*7. Wɔ afe 2018*, hyɛ aseɛ dwene anaa siesie wo ho.ma  awareɛ. Worenyini kɔ w'anim. Hyɛ aseɛ totɔ nnoɔma a wobɛhia wɔ awareɛ mu. Hunu kwan a wo ne mmarima bɛkasa wɔ obuo ne anidie kwan so. Bu wo ho yie. Mmarima nso nyɛ saa ara.

*8. Wɔ afe 2018, dwene papa ne nea ɛbɛtumi aba mu aberɛ biara. Sɛ wohunu sɛ asebɔ rebɔ mpaeɛ a, nkɔ ka wɔn ho.
Wobɛtumi adwene yie sɛ wɔnka wo esiane sɛ wɔrebɔ mpaeɛ na mmom hwɛ hunu sɛ wɔbɔ mpaeɛ no wie a wɔda so yɛ asebɔ na Onyankopɔn bɛma wɔn nam mono adi.

*9. Tɔ biribi*, dura ho kama fa kɔkyɛ wo sɔfoɔ. Da bɛn ne da a ɛtwa toɔ a womaa wo sɔfoɔ biribi? Wɔ afe 2018, bɔ mmɔden na yɛ biribi 'ketewa' bi ma no. Wonnim nea ɔrefa mu wɔ n'asetena mu. Ma no nhunu sɛ nnipa baako mpo wɔ n'asɔre a ɔdwene ne ho.

*10. Wɔ afe 2018*, Fa sika pii hyɛ nnwuma mu, sie kakra, di kakra. Fa wo sika hyɛ nnwuma mu. Sie sika wɔ sika korabea, kra nnoɔma bi na tɔn. Mmom, pɛ kwan foforɔ a wofa so nya sika!

*11. Atta* Mills awu kɔ, Ghana rekɔ n'anim, Komla Dumor awu kɔ,  BBC gu so reyɛ adwuma, KABA awu kɔ, Multimedia reyɛ adwuma. Nea ɛteɛ ne sɛ, susu yɛ adwuma. Sɛ wowu a womfa w'adwuma no nkɔ. Wo ho nhia kyɛn sɛnea wodwene no, to wo bo ase. Pɛ mmerɛ kakra bi firi w'adwuma mu, kɔ hwehwɛ w'apom, kɔsra abusua, kɔ Aburi gardens anaa mpoano na hunu nea Onyame ayɛ etc.

*12 Sɛ* wokan wie a, fa ma nnipa binom a wo ne wɔn wɔ ekuo mu anaa wɔwɔ wo fon so, ɛbɛtumi aboa obi. Afei nso fa Counselor Fenyi's nɔma na frɛ anaa wasapo no na mo mfa adamfoɔ.

------------------------------
*Ɔtwerɛfoɔ no de Counselor FENYI* *+233242937017*

Nea ɔde kɔɔ Asante Twi kasa no mu ne *Kwadwo Agyenim Boateng*

Comments

Popular Posts